Native Bible

Isaiah 56:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ɛho afasuo no mu, nkaedeɛ ne edin a ɛkyɛn mmammarima ne mmammaa; mɛma wɔn edin a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ, edin a ɛrentwam.

Isaiah 56:5 in English

Isaiah 56:5 · Berean Standard Bible

I will give them, in My house and within My walls, a memorial and a name better than that of sons and daughters. I will give them an everlasting name that will not be cut off.

Context

3Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka sɛ, “Ampa ara Awurade renkane me mfra ne nkurɔfoɔ mu.” Na opiani biara nso nwiinwii sɛ, “Meyɛ duawuiɛ.” 4Sei na Awurade seɛ, “Apiafoɔ a wɔkae me home nna, wɔn a wɔyɛ deɛ ɛsɔ mʼani na wɔkura mʼapam mu denden, 5mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ɛho afasuo no mu, nkaedeɛ ne edin a ɛkyɛn mmammarima ne mmammaa; mɛma wɔn edin a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ, edin a ɛrentwam. 6Na ananafoɔ a wɔde wɔn ho ama Awurade sɛ wɔbɛsom no, sɛ wɔbɛdɔ Awurade din, na wɔasɔre no, wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa, na wɔkura mʼapam mu denden; 7yeinom na mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so na mama wɔn anigyeɛ wɔ me mpaeɛbɔ efie. Wɔn ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ ahodoɔ no, mɛgye wɔ mʼafɔrebukyia so; na wɔbɛfrɛ me fie beaeɛ a aman nyinaa bɔ mpaeɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.