Yesaia 53:11
Isaiah 53:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ne kra amanehunu akyi, ɔbɛhunu nkwa hann, na ne bo atɔ ne yam; na ne suahunu mu, me ɔsomfoɔ teneneeni no bɛbu bebree bem, na wasoa wɔn amumuyɛ.
Isaiah 53:11 in English
Isaiah 53:11 · Berean Standard Bible
After the anguish of His soul, He will see the light of life * and be satisfied. By His knowledge My righteous Servant will justify many, and He will bear their iniquities.
Context
9Wɔyɛɛ ne damena wɔ abɔnefoɔ mu,
na ne wuo mu, wɔde no too adefoɔ mu
ɛwom sɛ wanyɛ akakabensɛm biara,
na obiara ante atorɔsɛm biara amfiri nʼano. 10Nanso ɛyɛɛ Awurade pɛ sɛ ɔbɛdwerɛ no ama no ahunu amane.
Mpo ɔde ne nkwa ayɛ afɔdie afɔrebɔdeɛ.
Ɔbɛhunu nʼasefoɔ na ne nna bɛware,
na Awurade pɛ bɛkɔ so wɔ ne nsam. 11Ne kra amanehunu akyi,
ɔbɛhunu nkwa hann, na ne bo atɔ ne yam;
na ne suahunu mu, me ɔsomfoɔ teneneeni no bɛbu bebree bem,
na wasoa wɔn amumuyɛ. 12Enti mɛma no kyɛfa wɔ akɛsefoɔ mu,
na ɔne ahoɔdenfoɔ bɛkyɛ asadeɛ
ɛfiri sɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa owuo,
na wɔkan no fraa mmaratofoɔ.
Ɔsoaa nnipa bebree bɔne,
na ɔdi maa mmaratofoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.