Yesaia 52:13
Isaiah 52:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwɛ, me ɔsomfoɔ bɛdi yie wɔbɛpagya no ayɛ no kɛseɛ.
Isaiah 52:13 in English
Isaiah 52:13 · Berean Standard Bible
Behold, My Servant will prosper;* He will be raised and lifted up and highly exalted.
Context
11Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ!
Mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ.
Mommfiri ho na mo ho nte,
mo a mokurakura Awurade nkuruwa. 12Monntutu mmirika mfiri ha
anaa monnwane;
ɛfiri sɛ Awurade bɛdi mo anim,
Israel Onyankopɔn bɛbɔ mo kyidɔm. 13Hwɛ, me ɔsomfoɔ bɛdi yie
wɔbɛpagya no ayɛ no kɛseɛ. 14Dodoɔ a wɔhunuu no ho dwirii wɔn.
Ɛfiri sɛ wɔsɛee nʼanim a ansɛ onipa biara deɛ
na ne bɔberɛ sɛeɛ a ɛnsɛ ɔdasani deɛ. 15Saa ara na ɔbɛma aman bebree ho adwiri wɔn
na ahemfo bɛmuamua wɔn ano, ne enti.
Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no bɛhunu,
na wɔn a wɔnteeɛ no nso bɛte aseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.