Native Bible

Isaiah 5:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mo a mogye adanmudeɛ, na mo gyae deɛ ɔdi fɔ na mo bu deɛ ɔdi bem no fɔ.

Isaiah 5:23 in English

Isaiah 5:23 · Berean Standard Bible

who acquit the guilty for a bribe and deprive the innocent of justice.

Context

21Monnue, mo a mobu mo ho anyansafoɔ, mo ankasa ani so ne anitefoɔ mo ankasa ani so. 22Monnue mo a wɔfrɛ mo akatakyie wɔ nsanom mu ne ahoɔdenfoɔ wɔ nsã afrafra mu. 23Mo a mogye adanmudeɛ, na mo gyae deɛ ɔdi fɔ na mo bu deɛ ɔdi bem no fɔ. 24Enti, sɛdeɛ egyadɛreɛ hye wira dwaneeɛ na ɛserɛ a awo yera wɔ ogyaframa mu no, saa ara na mo nhini bɛporɔ, na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfuturo; ɛfiri sɛ moapo Asafo Awurade mmara na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm. 25Enti Awurade abufuo aba ne nkurɔfoɔ so, wapagya ne nsa na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam. Mmepɔ no woso, na afunu ayɛ sɛ mmɔntene so wira. Nanso yei nyinaa akyi, ne bo nnwoeɛ, na ne nsa da so wɔ soro.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.