Yesaia 5:21
Isaiah 5:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monnue, mo a mobu mo ho anyansafoɔ, mo ankasa ani so ne anitefoɔ mo ankasa ani so.
Isaiah 5:21 in English
Isaiah 5:21 · Berean Standard Bible
Woe to those who are wise in their own eyes and clever in their own sight.
Context
19Monnue, mo a moka sɛ, “Onyankopɔn nyɛ ntɛm,
ɔnyɛ nʼadwuma ntɛm
sɛdeɛ yɛbɛhunu.
Ma ɛmmɛn,
Israel Ɔkronkronni no nhyehyɛeɛ no mmra,
sɛdeɛ yɛbɛhunu.” 20Monnue, mo a mofrɛ bɔne sɛ papa
na papa nso sɛ bɔne,
mo a mode esum si hann anan mu
na hann si esum anan mu,
mo a mofrɛ nwononwono sɛ dɛɛdɛ
ne dɛɛdɛ sɛ nwononwono. 21Monnue, mo a mobu mo ho anyansafoɔ, mo ankasa ani so
ne anitefoɔ mo ankasa ani so. 22Monnue mo a wɔfrɛ mo akatakyie wɔ nsanom mu
ne ahoɔdenfoɔ wɔ nsã afrafra mu. 23Mo a mogye adanmudeɛ, na mo gyae deɛ ɔdi fɔ
na mo bu deɛ ɔdi bem no fɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.