Yesaia 5:15
Isaiah 5:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, wɔbɛbrɛ onipa ase na wama adasamma aboto. Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,
Isaiah 5:15 in English
Isaiah 5:15 · Berean Standard Bible
So mankind will be brought low, and each man humbled; the arrogant will lower their eyes.
Context
13Ɛno enti, me nkurɔfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu,
ɛfiri sɛ, wɔnni nteaseɛ;
ɛkɔm bɛkum wɔn mu atitire
na osukɔm bɛtware wɔn mu bebree. 14Enti, damena akɔnnɔ yɛ kɛseɛ
na ɔbue nʼanom bayaa;
na emu na atitire ne ɛdɔm no bɛkɔ
wɔne wɔn a wɔsa na wɔgye wɔn ani. 15Enti, wɔbɛbrɛ onipa ase
na wama adasamma aboto.
Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, 16nanso Asafo Awurade atɛntenenee bɛpagya no,
na Kronkron Onyankopɔn de ne tenenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni. 17Afei nnwan bɛkɔ adidi te sɛ deɛ wɔwɔ wɔn adidibea;
nnwammaa bɛdidi wɔ asikafoɔ amanfo so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.