Native Bible

Isaiah 46:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Montie me, Ao Yakob fiefoɔ, mo a moaka wɔ Israel efie nyinaa, mo a masɔ mo mu firi mo nyinsɛn mu, na maturu mo afiri ɛberɛ a wɔwoo mo.

Isaiah 46:3 in English

Isaiah 46:3 · Berean Standard Bible

“Listen to Me, O house of Jacob, all the remnant of the house of Israel, who have been sustained from the womb, carried along since birth.

Context

1Bel bɔ ne mu ase, Nebo kuntun ne mu; mfunumu soa wɔn ahoni. Nsɛsodeɛ a wɔso nenam no mu yɛ duru, ɛyɛ adesoa ma deɛ wabrɛ. 2Wɔbɔ mu kuntun, bɔ wɔn mu ase; wɔntumi nsi amanehunu ano, wɔn ankasa kɔ nkoasom mu. 3“Montie me, Ao Yakob fiefoɔ, mo a moaka wɔ Israel efie nyinaa, mo a masɔ mo mu firi mo nyinsɛn mu, na maturu mo afiri ɛberɛ a wɔwoo mo. 4Mpo kɔsi mo nkɔkoraa berɛ ne ɛberɛ a mobɛfu dwono mu, Me ne no, Me ne deɛ ɔbɛsɔ mo mu. Mabɔ mo na mɛturu mo; mɛwowa mo na mɛgye mo. 5“Hwan ho na mode me bɛto, anaa mobɛbu no me sɛso? Hwan na mode me bɛsusu no, na mode ayɛ mfatoho?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.