Yesaia 43:5
Isaiah 43:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nsuro, ɛfiri sɛ, meka mo ho; mede wo mma bɛfiri apueeɛ fam aba na maboa wɔn ano afiri atɔeɛ fam.
Isaiah 43:5 in English
Isaiah 43:5 · Berean Standard Bible
Do not be afraid, for I am with you; I will bring your offspring from the east and gather you from the west.
Context
3Na mene Awurade, wo Onyankopɔn,
Israel Kronkronni, wo Agyenkwa.
Mede Misraim yɛ mpata ma wo
na mede Kus ne Seba si wʼananmu mu. 4Sɛ wo som bo ma me na wowɔ animuonyam wɔ mʼanim
na medɔ wo enti,
mede nnipa bɛsesa wo,
na mede nkurɔfoɔ asesa wo nkwa. 5Nsuro, ɛfiri sɛ, meka mo ho;
mede wo mma bɛfiri apueeɛ fam aba
na maboa wɔn ano afiri atɔeɛ fam. 6Mɛka akyerɛ atifi fam sɛ, ‘Monnyaa wɔn!’
ne anafoɔ fam sɛ, ‘Monnye wɔn ntena ha.’
Momfa me mmammarima mfiri akyirikyiri mmra
na me mmammaa mfiri asase ano mmra, 7obiara a me din da no so,
deɛ mebɔɔ no de hyɛɛ me ho animuonyam,
deɛ menwenee no na meyɛɛ no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.