Native Bible

Isaiah 43:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na mene Awurade, wo Onyankopɔn, Israel Kronkronni, wo Agyenkwa. Mede Misraim yɛ mpata ma wo na mede Kus ne Seba si wʼananmu mu.

Isaiah 43:3 in English

Isaiah 43:3 · Berean Standard Bible

For I am the LORD your God, the Holy One of Israel, your Savior; I give Egypt for your ransom, Cush * and Seba in your place.

Context

1Na afei, sei na Awurade seɛ, deɛ ɔbɔɔ woɔ, Ao Yakob deɛ ɔnwonoo woɔ, Ao Israel; “Nsuro na magye wo; mabɔ wo din afrɛ wo; woyɛ me dea. 2Sɛ wofa nsuo mu a, mɛka wo ho; na sɛ wotwa nsubɔntene no a, ɛremmu mfa wo so. Sɛ wonante ogya no mu a, worenhye; ogyaframa no renhye wo. 3Na mene Awurade, wo Onyankopɔn, Israel Kronkronni, wo Agyenkwa. Mede Misraim yɛ mpata ma wo na mede Kus ne Seba si wʼananmu mu. 4Sɛ wo som bo ma me na wowɔ animuonyam wɔ mʼanim na medɔ wo enti, mede nnipa bɛsesa wo, na mede nkurɔfoɔ asesa wo nkwa. 5Nsuro, ɛfiri sɛ, meka mo ho; mede wo mma bɛfiri apueeɛ fam aba na maboa wɔn ano afiri atɔeɛ fam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.