Yesaia 43:26
Isaiah 43:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monhwehwɛ deɛ atwam no mu bio mma me, momma yɛmmɔ mu ntonto adwene wɔ asɛm no ho; ka wʼasɛm a ɛkyerɛ sɛ wonni fɔ no.
Isaiah 43:26 in English
Isaiah 43:26 · Berean Standard Bible
Remind Me, let us argue the matter together. State your case, so that you may be vindicated.
Context
24Montɔɔ nnuhwam mmrɛɛ me,
na mommaa mo afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ mmuu me so.
Mmom, mode mo bɔne asoa me
na mode mo mfomsoɔ ho haw abɛtɔ me so. 25“Me, me ara, mene deɛ ɔpepa
mo bɔne, me enti,
na menkae mo amumuyɛ bio. 26Monhwehwɛ deɛ atwam no mu bio mma me,
momma yɛmmɔ mu ntonto adwene wɔ asɛm no ho;
ka wʼasɛm a ɛkyerɛ sɛ wonni fɔ no. 27Mo agya a ɔdii ɛkan no yɛɛ bɔne;
mo kasamafoɔ tee mʼanim atua. 28Enti magu mo asɔredan mu atitire anim ase,
na mede Yakob ama ɔsɛeɛ,
na mede Israel ama ahɔhora.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.