Native Bible

Isaiah 43:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Montɔɔ nnuhwam mmrɛɛ me, na mommaa mo afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ mmuu me so. Mmom, mode mo bɔne asoa me na mode mo mfomsoɔ ho haw abɛtɔ me so.

Isaiah 43:24 in English

Isaiah 43:24 · Berean Standard Bible

You have not bought Me sweet cane with your silver, nor satisfied Me with the fat of your sacrifices. But you have burdened Me with your sins; you have wearied Me with your iniquities.

Context

22“Nanso, womfrɛɛ me, Ao Yakob, wonhaa wo ho wɔ me ho, Ao Israel. 23Momfaa nnwan mmrɛɛ me sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, na momfaa mo afɔrebɔ nhyɛɛ me animuonyam nso. Memmaa aduane afɔdeɛ nyɛɛ mo adesoa na memfaa nnuhwamgyeɛ nhaa mo. 24Montɔɔ nnuhwam mmrɛɛ me, na mommaa mo afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ mmuu me so. Mmom, mode mo bɔne asoa me na mode mo mfomsoɔ ho haw abɛtɔ me so. 25“Me, me ara, mene deɛ ɔpepa mo bɔne, me enti, na menkae mo amumuyɛ bio. 26Monhwehwɛ deɛ atwam no mu bio mma me, momma yɛmmɔ mu ntonto adwene wɔ asɛm no ho; ka wʼasɛm a ɛkyerɛ sɛ wonni fɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.