Native Bible

Isaiah 38:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mekaa sɛ, “Mʼasetena mu nnapa yi mu ɛsɛ sɛ mefa owuo apono mu na wɔgye me mfeɛ a aka yi anaa?”

Isaiah 38:10 in English

Isaiah 38:10 · Berean Standard Bible

I said, “In the prime * of my life I must go through the gates of Sheol and be deprived of the remainder of my years.”

Context

8Mɛma owia ano sunsum atwe akɔ nʼakyi anammɔn edu wɔ Ahas atwedeɛ so.’ ” Ɛno enti, owia hyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn edu. 9Deɛ Yudahene Hesekia twerɛeɛ ne yadeɛ ne nʼayaresa akyi nie: 10Mekaa sɛ, “Mʼasetena mu nnapa yi mu ɛsɛ sɛ mefa owuo apono mu na wɔgye me mfeɛ a aka yi anaa?” 11Mekaa sɛ, “Merenhunu Awurade Onyankopɔn bio Awurade a ɔwɔ ateasefoɔ asase so. Merenhunu adasamma bio, anaa merenka wɔn a wɔte ewiase yi ho bio. 12Wɔadwiri me fie agu agye afiri me nsam, te sɛ odwanhwɛfoɔ ntomadan. Matwa me nkwa so sɛdeɛ ɔnwomfoɔ, twa me firi asadua so; awia ne anadwo wotwaa me nkwa so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.