Yesaia 37:22
Isaiah 37:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
yei ne asɛm a Awurade aka atia no: “Ɔbabaabunu Sion sopa wo, na ɔsere wo. Ɔbabaa Yerusalem di wo ho fɛ, na ɔwoso ne ti ɛberɛ a woredwane.
Isaiah 37:22 in English
Isaiah 37:22 · Berean Standard Bible
this is the word that the LORD has spoken against him: ‘The Virgin Daughter of Zion despises you and mocks you; the Daughter of Jerusalem shakes her head behind you.
Context
20Afei, Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam, na ama ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ahunu sɛ, wo nko ara, Ao, Awurade, ne Onyankopɔn.” 21Na Amos babarima Yesaia too saa nkra yi kɔmaa Hesekia sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Esiane sɛ woabɔ me mpaeɛ afa Asiriahene Sanaherib ho no, 22yei ne asɛm a Awurade aka atia no:
“Ɔbabaabunu Sion sopa wo,
na ɔsere wo.
Ɔbabaa Yerusalem di wo ho fɛ,
na ɔwoso ne ti ɛberɛ a woredwane. 23Hwan na wasopa no na woagu ne ho fi yi?
Hwan na woama wo nne so atia no
na wohwɛɛ no ahantan so?
Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no! 24Wonam wʼabɔfoɔ so
asoa nsopa agu Awurade so.
Na woaka sɛ,
‘Me nteaseɛnam dodoɔ enti
maforo mmepɔ atentene,
aane Lebanon mmepɔ a ɛwoware pa ara no.
Matwitwa ne ntweneduro atentene no,
ne ne pepeaa a ɛyɛ fɛ no agu fam.
Maduru ne mmepɔ a ɛwɔ akyirikyiri no so,
ne ne kwaeɛbirentuo mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.