Yesaia 37:21
Isaiah 37:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Amos babarima Yesaia too saa nkra yi kɔmaa Hesekia sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Esiane sɛ woabɔ me mpaeɛ afa Asiriahene Sanaherib ho no,
Isaiah 37:21 in English
Isaiah 37:21 · Berean Standard Bible
Then Isaiah son of Amoz sent a message to Hezekiah: “This is what the LORD, the God of Israel, says: Because you have prayed to Me concerning Sennacherib king of Assyria,
Context
19Na wɔato anyame a wɔwɔ saa aman yi so no agu ogya mu, ahye wɔn, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame na mmom wɔyɛ nnua ne aboɔ a nnipa de wɔn nsa ayɛ. 20Afei, Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam, na ama ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ahunu sɛ, wo nko ara, Ao, Awurade, ne Onyankopɔn.” 21Na Amos babarima Yesaia too saa nkra yi kɔmaa Hesekia sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Esiane sɛ woabɔ me mpaeɛ afa Asiriahene Sanaherib ho no, 22yei ne asɛm a Awurade aka atia no:
“Ɔbabaabunu Sion sopa wo,
na ɔsere wo.
Ɔbabaa Yerusalem di wo ho fɛ,
na ɔwoso ne ti ɛberɛ a woredwane. 23Hwan na wasopa no na woagu ne ho fi yi?
Hwan na woama wo nne so atia no
na wohwɛɛ no ahantan so?
Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.