Yesaia 33:4
Isaiah 33:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ ntutummɛ tu hyɛ asase so we so nnɔbaeɛ no; saa ara na nnipa bɛto ahyɛ Asiria so.
Isaiah 33:4 in English
Isaiah 33:4 · Berean Standard Bible
Your spoil, O nations, * is gathered as by locusts; like a swarm of locusts men sweep over it.
Context
2Ao Awurade, hunu yɛn mmɔbɔ;
yɛn ani da wo so.
Yɛ yɛn ahoɔden anɔpa biara,
ne yɛn nkwagyeɛ wɔ ahohia mu. 3Aman no te wo nne mmobɔmu a, wɔdwane;
sɛ woma wo ho so a, amanaman no bɔ hwete. 4Sɛdeɛ ntutummɛ tu hyɛ asase so we so nnɔbaeɛ no;
saa ara na nnipa bɛto ahyɛ Asiria so. 5Wɔama Awurade so, na ɔte ɔsorosoro;
ɔde tenenee ne adeteneneeyɛ bɛhyɛ Sion ma. 6Ɔbɛyɛ fapem a atim yie wɔ mo mmerɛ so,
nkwagyeɛ, nyansa ne nhunumu mmorosoɔ akoraeɛ;
Awurade suro bɛyɛ wʼademudeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.