Native Bible

Isaiah 32:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Tenenee bɛtena anweatam so na adeteneneeyɛ atena asase bereɛ so.

Isaiah 32:16 in English

Isaiah 32:16 · Berean Standard Bible

Then justice will inhabit the wilderness, and righteousness will dwell in the fertile field.

Context

14Wɔbɛgya aban no hɔ, na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan; abankɛsewa ne ɔwɛn aban bɛdane asase hunu afebɔɔ, deɛ mfunumu pɛ ne nnwankuo adidibea, 15kɔsi sɛ wɔbɛhwie Honhom no afiri ɔsoro agu yɛn so, na anweatam bɛdane asase bereɛ na asase bereɛ ayɛ sɛ kwaeɛ. 16Tenenee bɛtena anweatam so na adeteneneeyɛ atena asase bereɛ so. 17Adeteneneeyɛ bɛso asomdwoeɛ aba; deɛ adeteneneeyɛ de ba bɛyɛ kommyɛ ne ahotosoɔ a ɛnni awieeɛ. 18Me nkurɔfoɔ bɛtenatena mmeaeɛ a asomdwoeɛ wɔ, afie a wɔabɔ ho ban homebea a ɔhaw biara nni hɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.