Yesaia 30:31
Isaiah 30:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade nne bɛdwerɛ Asiria; ɔde nʼahenpoma bɛbɔ wɔn ahwe fam.
Isaiah 30:31 in English
Isaiah 30:31 · Berean Standard Bible
For Assyria will be shattered at the voice of the LORD; He will strike them with His scepter.
Context
29Na mobɛto dwom
te sɛ anadwo a modi afahyɛ kronkron no;
mo akoma bɛdi ahurisie
te sɛ ɛberɛ a nnipa de atɛntɛbɛn foro
kɔ Awurade bepɔ no so
kɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn. 30Awurade bɛma nnipa ate nʼaberempɔn nne,
na ɔbɛma wɔahunu ne basa a ɛresiane
na ɛde abufuhyeɛ ne ogya a ɛhye nneɛma,
osutɔ denden, aprannaa ne ampariboɔ reba. 31Awurade nne bɛdwerɛ Asiria;
ɔde nʼahenpoma bɛbɔ wɔn ahwe fam. 32Awurade bɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu,
na ɛberɛ biara a ɔbɛbɔ wɔn no
ɛbɛyɛ sɛdeɛ akasaeɛ ne sankuten so nnwontoɔ korɔ. 33Wɔasiesie Topet dadaada;
wɔayɛ no krado ama ɔhene no.
Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebree
wɔ ne ogya amena no a emu dɔ na ɛtrɛ no mu;
Awurade ahome a
ɛte sɛ sɔfe asutene no
bɛsɔ mu ogya.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.