Native Bible

Isaiah 30:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

nanso Farao banbɔ bɛyɛ animguaseɛ ama mo. Misraim nwunu de ahohora bɛbrɛ mo.

Isaiah 30:3 in English

Isaiah 30:3 · Berean Standard Bible

But Pharaoh’s protection will become your shame, and the refuge of Egypt’s shade your disgrace.

Context

1“Monnue mmɔfra asoɔdenfoɔ,” sɛi na Awurade seɛ, “Wɔn a wɔde nhyehyɛeɛ a ɛmfiri me yɛ adwuma, na wɔyɛ apam a ɛmfiri me honhom mu, na wɔboaboa bɔne ano; 2wɔn a wɔkɔ Misraim a wɔmmisa me ansa. Wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ banbɔ firi Farao nkyɛn. Wɔkɔ Misraim kɔpɛ hintabea, 3nanso Farao banbɔ bɛyɛ animguaseɛ ama mo. Misraim nwunu de ahohora bɛbrɛ mo. 4Ɛwom sɛ wɔwɔ adwumayɛfoɔ wɔ Soan na wɔn ananmusifoɔ aduru Hanes deɛ, 5nanso wɔn nyinaa anim bɛgu ase nnipa bi a wɔn ho nni wɔn mfasoɔ enti. Wɔmmfa mmoa anaa mfasoɔ mma, na mmom animguaseɛ ne ahohora.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.