Native Bible

Isaiah 3:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so, ɔbarima bɛtia ɔbarima, ɔyɔnko bɛtia ne yɔnko. Mmabunu bɛsɔre atia wɔn mpanimfoɔ, apapahwekwaa bɛtia onimuonyamfoɔ.

Isaiah 3:5 in English

Isaiah 3:5 · Berean Standard Bible

The people will oppress one another, man against man, neighbor against neighbor; the young will rise up against the old, and the base against the honorable.

Context

3aduonum so panin ne deɛ ɔwɔ diberɛ, ɔfotufoɔ, odwumfoɔ nyansafoɔ ne nkaberɛkyerefoɔ oniferefoɔ. 4“Mede mmerantewaa bɛyɛ wɔn nnwuma so mpanimfoɔ; na mmɔfra adi wɔn so.” 5Nnipa bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so, ɔbarima bɛtia ɔbarima, ɔyɔnko bɛtia ne yɔnko. Mmabunu bɛsɔre atia wɔn mpanimfoɔ, apapahwekwaa bɛtia onimuonyamfoɔ. 6Ɔbarima bɛsɔ ne nuanom baako mu wɔ nʼagya efie aka sɛ, “Wowɔ atadeɛ, bɛyɛ yɛn dikanfoɔ; wɔ kuro a adane mmubuiɛ sie yi so.” 7Nanso, ɛda no ɔbɛteam sɛ, “Menni deɛ mede bɛyɛ. Menni aduane anaa ntoma wɔ me fie; mfa me nyɛ nnipa no so dikanfoɔ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.