Native Bible

Isaiah 3:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, ɛda no ɔbɛteam sɛ, “Menni deɛ mede bɛyɛ. Menni aduane anaa ntoma wɔ me fie; mfa me nyɛ nnipa no so dikanfoɔ.”

Isaiah 3:7 in English

Isaiah 3:7 · Berean Standard Bible

On that day he will cry aloud: “I am not a healer.* I have no food or clothing in my house. Do not make me leader of the people!”

Context

5Nnipa bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so, ɔbarima bɛtia ɔbarima, ɔyɔnko bɛtia ne yɔnko. Mmabunu bɛsɔre atia wɔn mpanimfoɔ, apapahwekwaa bɛtia onimuonyamfoɔ. 6Ɔbarima bɛsɔ ne nuanom baako mu wɔ nʼagya efie aka sɛ, “Wowɔ atadeɛ, bɛyɛ yɛn dikanfoɔ; wɔ kuro a adane mmubuiɛ sie yi so.” 7Nanso, ɛda no ɔbɛteam sɛ, “Menni deɛ mede bɛyɛ. Menni aduane anaa ntoma wɔ me fie; mfa me nyɛ nnipa no so dikanfoɔ.” 8Yerusalem retɔ ntintan, Yuda rehwe ase; wɔn nsɛm ne nneyɛeɛ tia Awurade. Wɔmmu nʼanimuonyam a ɛwɔ wɔn mu. 9Sɛdeɛ wɔn anim teɛ no di adanseɛ tia wɔn; wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom; wɔmmfa nsie. Nnome nka wɔn! Wɔakɔfa amanehunu aba wɔn ho so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.