Yesaia 3:24
Isaiah 3:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nkabɔne bɛsi deɛ ɛyɛ hwam anan mu; ntampehoma bɛsi nkatakɔnmu anan mu; tire a ɛso apa bɛsi tirinwi a wɔasiesie anan mu; ayitoma bɛsi ntoma pa anan mu; honam ani atwaatwa bɛsi ahoɔfɛ anan mu.
Isaiah 3:24 in English
Isaiah 3:24 · Berean Standard Bible
Instead of fragrance there will be a stench; instead of a belt, a rope; instead of styled hair, baldness; instead of fine clothing, sackcloth; instead of beauty, shame.*
Context
22ntadetenten pa, ngugusoɔ tiawa a ɛnni nsa, ntadeɛ yuu ne sika nkotokuo; 23nhwehwɛ, serekye ntadeɛ, tirinwi so nkawa ne abatiri so ngugusoɔ. 24Nkabɔne bɛsi deɛ ɛyɛ hwam anan mu;
ntampehoma bɛsi nkatakɔnmu anan mu;
tire a ɛso apa bɛsi tirinwi a wɔasiesie anan mu;
ayitoma bɛsi ntoma pa anan mu;
honam ani atwaatwa bɛsi ahoɔfɛ anan mu. 25Wo mmarima bɛtotɔ akofena ano,
wʼakofoɔ bɛtotɔ wɔ ɔko mu. 26Sion apono bɛtwa adwo, adi awerɛhoɔ;
na deɛ ɔnnibie bɛtena fam asu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.