Native Bible

Isaiah 3:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnome nka amumuyɛfoɔ! Amanehunu wɔ wɔn so! Wɔbɛtua wɔn so ka wɔ deɛ wɔn nsa ayɛ no ho.

Isaiah 3:11 in English

Isaiah 3:11 · Berean Standard Bible

Woe to the wicked; disaster is upon them! For they will be repaid with what their hands have done.

Context

9Sɛdeɛ wɔn anim teɛ no di adanseɛ tia wɔn; wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom; wɔmmfa nsie. Nnome nka wɔn! Wɔakɔfa amanehunu aba wɔn ho so. 10Ka kyerɛ teneneefoɔ sɛ ɛbɛsi wɔn yie, ɛfiri sɛ wɔbɛdi wɔn nneyɛeɛ so aba. 11Nnome nka amumuyɛfoɔ! Amanehunu wɔ wɔn so! Wɔbɛtua wɔn so ka wɔ deɛ wɔn nsa ayɛ no ho. 12Mmabunu hyɛ me nkurɔfoɔ so, mmaa di wɔn so. Ao me nkurɔfoɔ, mo akwankyerɛfoɔ ma mo yera; wɔma mo mane firi kwantempɔn no so. 13Awurade tena ase wɔ nʼasɛnniiɛ. Ɔma ne mu so bu nkurɔfoɔ no atɛn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.