Yesaia 3:10
Isaiah 3:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ka kyerɛ teneneefoɔ sɛ ɛbɛsi wɔn yie, ɛfiri sɛ wɔbɛdi wɔn nneyɛeɛ so aba.
Isaiah 3:10 in English
Isaiah 3:10 · Berean Standard Bible
Tell the righteous it will be well with them, for they will enjoy the fruit of their labor.
Context
8Yerusalem retɔ ntintan,
Yuda rehwe ase;
wɔn nsɛm ne nneyɛeɛ tia Awurade.
Wɔmmu nʼanimuonyam a ɛwɔ wɔn mu. 9Sɛdeɛ wɔn anim teɛ no di adanseɛ tia wɔn;
wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom;
wɔmmfa nsie.
Nnome nka wɔn!
Wɔakɔfa amanehunu aba wɔn ho so. 10Ka kyerɛ teneneefoɔ sɛ ɛbɛsi wɔn yie,
ɛfiri sɛ wɔbɛdi wɔn nneyɛeɛ so aba. 11Nnome nka amumuyɛfoɔ!
Amanehunu wɔ wɔn so!
Wɔbɛtua wɔn so ka
wɔ deɛ wɔn nsa ayɛ no ho. 12Mmabunu hyɛ me nkurɔfoɔ so,
mmaa di wɔn so.
Ao me nkurɔfoɔ, mo akwankyerɛfoɔ ma mo yera;
wɔma mo mane firi kwantempɔn no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.