Native Bible

Isaiah 29:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti sei na Awurade a ɔgyee Abraham nkwa no ka kyerɛ Yakob fiefoɔ: Yakob anim renguase bio; wɔn anim rento hoa bio.

Isaiah 29:22 in English

Isaiah 29:22 · Berean Standard Bible

Therefore the LORD who redeemed Abraham says of the house of Jacob: “No longer will Jacob be ashamed and no more will his face grow pale.

Context

20Atutupɛfoɔ bɛyera, wɔrenhunu fɛdifoɔ bio, na wɔn a wɔdwene bɔne nyinaa wɔbɛtwa wɔn agu. 21Wɔn a wɔka asɛm ma obi di fɔ, wɔn a wɔsum deɛ ɔreyi ne ho ano afidie wɔ asɛnniiɛ na wɔdi adansekurumu ma wɔbu deɛ ɔdi bem no fɔ no nso, wɔbɛtwa wɔn agu. 22Enti sei na Awurade a ɔgyee Abraham nkwa no ka kyerɛ Yakob fiefoɔ: Yakob anim renguase bio; wɔn anim rento hoa bio. 23Sɛ wɔhunu wɔn mma wɔ wɔn mu, wɔn a wɔyɛ me nsa ano adwuma no a, wɔbɛyɛ me din no kronkron; wɔbɛgye Yakob ɔkronkronni no kronkronyɛ ato mu, na wɔde fɛreɛ agyina Israel Onyankopɔn no anim. 24Wɔn a wɔfom kwan wɔ honhom mu bɛnya nteaseɛ; wɔn a wɔnwiinwii nso, wɔbɛgye nkyerɛkyerɛ atom.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.