Yesaia 28:29
Isaiah 28:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yeinom nyinaa firi Asafo Awurade, afutuo mu nwanwani, na ne nyansa boro so.
Isaiah 28:29 in English
Isaiah 28:29 · Berean Standard Bible
This also comes from the LORD of Hosts, who is wonderful in counsel and excellent in wisdom.
Context
27Wɔmfa asaeɛ mpɔ ɛme ho,
wɔmfa teaseɛnam hankra mfa tɛtɛ so;
wɔde poma na ɛboro ɛme,
na wɔde abaa aboro tɛtɛ. 28Wɔyam aburoo de to burodo
enti obi nnkɔ so nyam a ɔnwie da.
Ɛwom sɛ ɔde nʼayuporeɛ teaseɛnam hankra fa so deɛ,
nanso ɛnyɛ nʼapɔnkɔ na wɔyam. 29Yeinom nyinaa firi Asafo Awurade,
afutuo mu nwanwani,
na ne nyansa boro so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.