Yesaia 28:25
Isaiah 28:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ ɔsiesie asase no ani a, ɔnnua ɛme, na ɔmpete tɛtɛ wɔ so anaa? Ɔnnua ayuo ne atokoɔ mu biara wɔ nʼafa anaa?
Isaiah 28:25 in English
Isaiah 28:25 · Berean Standard Bible
When he has leveled its surface, does he not sow caraway and scatter cumin? He plants wheat in rows and barley in plots, and rye within its border.
Context
23Montie na monte me nne;
monwɛn mo aso na montie deɛ meka. 24Sɛ okuafoɔ funtum asase sɛ ɔrebɛdua so a, ɔyɛ no daa anaa?
Ɔkɔ so tutu, fɛntɛm asase no anaa? 25Sɛ ɔsiesie asase no ani a,
ɔnnua ɛme, na ɔmpete tɛtɛ wɔ so anaa?
Ɔnnua ayuo ne atokoɔ mu biara wɔ nʼafa anaa? 26Ne Onyankopɔn ma no akwankyerɛ
na ɔkyerɛ no ɛkwan pa no. 27Wɔmfa asaeɛ mpɔ ɛme ho,
wɔmfa teaseɛnam hankra mfa tɛtɛ so;
wɔde poma na ɛboro ɛme,
na wɔde abaa aboro tɛtɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.