Yesaia 25:6
Isaiah 25:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asafo Awurade bɛto ɛpono wɔ saa bepɔ yi so. Ɔbɛsiesie nnuane pa ne nsã a adi nna, ɛnam pa ne nsã pa ama nnipa nyinaa.
Isaiah 25:6 in English
Isaiah 25:6 · Berean Standard Bible
On this mountain the LORD of Hosts will prepare a banquet for all the peoples, a feast of aged wine, of choice meat, of finely aged wine.
Context
4Woayɛ ahiafoɔ dwanekɔbea,
ohiani mmɔborɔni dwanekɔbea,
ahum ano ahintaeɛ
ɔhyeɛ mu nwunu
na atutupɛfoɔ ahome
te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasuo 5ne ɔhyew a ɛwɔ anweatam so.
Wobrɛ ananafoɔ hooyɛ ase;
sɛdeɛ omununkum brɛ owia ɔhyeɛ ano ase no,
saa ara na atutupɛfoɔ nnwom nso bɛgyaeɛ. 6Asafo Awurade bɛto ɛpono wɔ saa bepɔ yi so.
Ɔbɛsiesie nnuane pa ne nsã a adi nna,
ɛnam pa ne nsã pa ama nnipa nyinaa. 7Wɔ bepɔ yi so, ɔbɛsɛe
owuo ntoma a ɛkata nnipa nyinaa ho
ne owuo nkatasoɔ a ɛkata aman nyinaa so; 8Ɔbɛmene owuo afebɔɔ.
Asafo Awurade bɛpepa
aniso nisuo nyinaa.
Ɔbɛyi ne nkurɔfoɔ ahohora,
afiri nsase nyinaa so.
Awurade na waka.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.