Yesaia 25:11
Isaiah 25:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛtrɛtrɛ wɔn nsa mu wɔ so, sɛdeɛ osudwarefoɔ trɛtrɛ ne nsa mu de dwareɛ. Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomasoɔ ase a ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadie ho.
Isaiah 25:11 in English
Isaiah 25:11 · Berean Standard Bible
He will spread out his hands within it, as a swimmer spreads his arms to swim. His pride will be brought low, despite * the skill of his hands.
Context
9Saa ɛda no, wɔbɛka sɛ,
“Ampa ara yɛn Onyankopɔn nie;
yɛde yɛn ho too no so na ɔgyee yɛn;
Awurade no nie, yɛgyee no diiɛ;
momma yɛnni ahurisie na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagyeɛ no mu.” 10Awurade nsa bɛda saa bepɔ yi so;
nanso ɔbɛtiatia Moab so
te sɛ ɛserɛ a wɔtiatia so de fra sumena. 11Wɔbɛtrɛtrɛ wɔn nsa mu wɔ so,
sɛdeɛ osudwarefoɔ trɛtrɛ ne nsa mu de dwareɛ.
Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomasoɔ ase
a ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadie ho. 12Ɔbɛbubu mo banbɔ afasuo atentene no agu;
ɔbɛbubu agu fam
ama ayɛ mfuturo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.