Yesaia 24:3
Isaiah 24:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asase bɛda mpan koraa, na wɔafom ɛso nneɛma. Awurade na waka saa asɛm yi.
Isaiah 24:3 in English
Isaiah 24:3 · Berean Standard Bible
The earth will be utterly laid waste and thoroughly plundered. For the LORD has spoken this word.
Context
1Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpan
na wasɛe no;
ɔbɛsɛe asase ani
na wabɔ ɛsotefoɔ ahwete, 2ɛbɛyɛ saa ara
ama ɔsɔfoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama nnipa,
ama owura sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama asomfoɔ,
ama awuraa sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama afenaa,
ama deɛ ɔtɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔtɔ,
ama deɛ ɔgye bosea sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔma bosea,
ama ɔkafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔde ma. 3Asase bɛda mpan koraa,
na wɔafom ɛso nneɛma.
Awurade na waka saa asɛm yi. 4Asase so yɛ wesee, na ɛkusa
ewiase kɔ ahoyera mu, na ɛkusa,
deɛ wɔama no so wɔ asase so ho yera no. 5Asase so nnipa agu ne ho fi;
wɔanni mmara no so,
wɔabu ahyɛdeɛ no so
na wɔasɛe apam a ɛwɔ hɔ daa no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.