Yesaia 24:1
Isaiah 24:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpan na wasɛe no; ɔbɛsɛe asase ani na wabɔ ɛsotefoɔ ahwete,
Isaiah 24:1 in English
Isaiah 24:1 · Berean Standard Bible
Behold, the LORD lays waste the earth and leaves it in ruins. He will twist its surface and scatter its inhabitants—
Context
1Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpan
na wasɛe no;
ɔbɛsɛe asase ani
na wabɔ ɛsotefoɔ ahwete, 2ɛbɛyɛ saa ara
ama ɔsɔfoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama nnipa,
ama owura sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama asomfoɔ,
ama awuraa sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama afenaa,
ama deɛ ɔtɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔtɔ,
ama deɛ ɔgye bosea sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔma bosea,
ama ɔkafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔde ma. 3Asase bɛda mpan koraa,
na wɔafom ɛso nneɛma.
Awurade na waka saa asɛm yi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.