Yesaia 24:22
Isaiah 24:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛka wɔn nyinaa abɔ mu sɛ nneduafoɔ ahyɛ afiase amena mu; wɔbɛto wɔn mu wɔ nneduadan mu na nna bebree akyi no wɔatwe wɔn aso.
Isaiah 24:22 in English
Isaiah 24:22 · Berean Standard Bible
They will be gathered together like prisoners in a pit. They will be confined to a dungeon and punished after many days.
Context
20Asase tɔ ntentan te sɛ ɔsabofoɔ.
Ɛhinhim biribiri te sɛ ntomadan wɔ mframa ano;
nʼatuateɛ ho afɔdie ayɛ adesoa ama no
na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio. 21Saa ɛda no, Awurade bɛtwe
ɔsoro atumfoɔ
ne ahemfo a ɛwɔ asase so aso. 22Wɔbɛka wɔn nyinaa abɔ mu
sɛ nneduafoɔ ahyɛ afiase amena mu;
wɔbɛto wɔn mu wɔ nneduadan mu
na nna bebree akyi no wɔatwe wɔn aso. 23Ɔsrane anim bɛgu ase na owia ani awu;
na Asafo Awurade bɛdi ɔhene
wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem,
ne wɔn mpanimfoɔ anim, wɔ animuonyam mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.