Yesaia 23:8
Isaiah 23:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwan na ɔbɔɔ atirimpɔ yei de tiaa Tiro, deɛ ɔkyekyɛ ahenkyɛ, deɛ nʼadwadifoɔ yɛ ahene mma, na nʼadetɔnfoɔ agye din wɔ asase so?
Isaiah 23:8 in English
Isaiah 23:8 · Berean Standard Bible
Who planned this against Tyre, the bestower of crowns, whose traders are princes, whose merchants are renowned on the earth?
Context
6Montwa nkɔ Tarsis;
montwa adwo, mo a mowɔ supɔ no so. 7Yei ne mo ahosɛpɛ kuropɔn no?
Yei ne teteete kuropɔn no a
watu akɔtena
akyirikyiri nsase soɔ no anaa? 8Hwan na ɔbɔɔ atirimpɔ yei de tiaa Tiro,
deɛ ɔkyekyɛ ahenkyɛ,
deɛ nʼadwadifoɔ yɛ ahene mma,
na nʼadetɔnfoɔ agye din wɔ asase so? 9Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔ sɛ,
ɔbɛbrɛ animuonyam mu ahomasoɔ ase
na wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase. 10Yɛ wʼasase so adwuma te sɛ deɛ wɔyɛ wɔ Nil ho no
Ao Ɔbabaa Tarsis,
ɛfiri sɛ wonni hyɛngyinabea bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.