Yesaia 23:7
Isaiah 23:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei ne mo ahosɛpɛ kuropɔn no? Yei ne teteete kuropɔn no a watu akɔtena akyirikyiri nsase soɔ no anaa?
Isaiah 23:7 in English
Isaiah 23:7 · Berean Standard Bible
Is this your jubilant city, whose origin is from antiquity, whose feet have taken her to settle far away?
Context
5Sɛ asɛm no duru Misraim a,
wɔn ho bɛdwiri wɔn wɔ nkra a ɛfiri Tiro no ho. 6Montwa nkɔ Tarsis;
montwa adwo, mo a mowɔ supɔ no so. 7Yei ne mo ahosɛpɛ kuropɔn no?
Yei ne teteete kuropɔn no a
watu akɔtena
akyirikyiri nsase soɔ no anaa? 8Hwan na ɔbɔɔ atirimpɔ yei de tiaa Tiro,
deɛ ɔkyekyɛ ahenkyɛ,
deɛ nʼadwadifoɔ yɛ ahene mma,
na nʼadetɔnfoɔ agye din wɔ asase so? 9Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔ sɛ,
ɔbɛbrɛ animuonyam mu ahomasoɔ ase
na wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.