Yesaia 22:6
Isaiah 22:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Elam fa bɛmma no ka ne nteaseɛnamkafoɔ ne apɔnkɔ ho; Kir pagya kyɛm no.
Isaiah 22:6 in English
Isaiah 22:6 · Berean Standard Bible
Elam takes up a quiver, with chariots and horsemen, and Kir uncovers the shield.
Context
4Enti mekaa sɛ, “Momfiri me so
na mentwa adwo.
Monnkyekye me werɛ
wɔ me nkurɔfoɔ sɛeɛ ho.” 5Awurade, Asafo Awurade wɔ da bi
ma hooyɛ, ntiatiasoɔ ne ehu
wɔ Anisoadehunu Bɔnhwa no mu;
ɛda a wɔde bubu afasuo
na wɔde su kyerɛ mmepɔ. 6Elam fa bɛmma no
ka ne nteaseɛnamkafoɔ ne apɔnkɔ ho;
Kir pagya kyɛm no. 7Nteaseɛnam ayɛ mo bɔnhwa fɛfɛ no ma,
na wɔde apɔnkɔsotefoɔ agyinagyina kuropɔn apono no ano. 8Wɔayi Yuda ho banbɔ no.
Na da no wode wʼani too
akodeɛ a ɛwɔ Kwaeɛ mu Ahemfie no so;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.