Yesaia 22:1
Isaiah 22:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adehunu a ɛfa Yerusalem, Anisoadehunu Bɔnhwa no ho: Ɛdeɛn na ɛha mo seesei, a mo nyinaa aforo kɔ adan atifi yi,
Isaiah 22:1 in English
Isaiah 22:1 · Berean Standard Bible
This is the burden against the Valley of Vision: What ails you now, that you have all gone up to the rooftops,
Context
1Adehunu a ɛfa Yerusalem, Anisoadehunu Bɔnhwa no ho:
Ɛdeɛn na ɛha mo seesei,
a mo nyinaa aforo kɔ adan atifi yi, 2Ao Kuro a basabasayɛ ahyɛ no ma,
Ao hooyɛ ne ahosɛpɛ kuropɔn?
Ɛnyɛ akofena ano na wʼatɔfoɔ hweree wɔn nkwa,
na wɔanwuwu wɔ ɔko ano nso? 3Mo adikanfoɔ nyinaa abɔ mu adwane;
wɔamfa tadua ankyekyere wɔn.
Mo a wɔkyere mo nyinaa wɔfaa mo nneduafoɔ;
mo a modwanee wɔ ɛberɛ a na atamfoɔ no wɔ akyirikyiri.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.