Yesaia 11:5
Isaiah 11:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Tenenee bɛyɛ nʼabɔsoɔ na nokorɛdie ayɛ nʼabɔwomu.
Isaiah 11:5 in English
Isaiah 11:5 · Berean Standard Bible
Righteousness will be the belt around His hips, and faithfulness the sash around His waist.
Context
3Na nʼani bɛgye wɔ Awurade suro mu.
Ɛnnyɛ deɛ ɔde nʼani hunu soɔ na ɔbɛgyina abu atɛn,
anaa deɛ ɔde nʼaso bɛteɛ soɔ na ɔbɛgyina asi gyinaeɛ; 4na mmom ɔde tenenee bɛbu mmɔborɔfoɔ atɛn,
ɔde atɛntenenee bɛsi gyinaeɛ ama asase so ahiafoɔ.
Ɔde abaa a ɛyɛ nʼanom asɛm bɛwoso asase;
ɔde ahome a ɛfiri nʼanom bɛkunkum amumuyɛfoɔ. 5Tenenee bɛyɛ nʼabɔsoɔ
na nokorɛdie ayɛ nʼabɔwomu. 6Pataku ne odwammaa bɛtena,
ɔsebɔ ne abirekyie bɛda,
nantwie ba ne gyata ne ne ba bɛbɔ mu;
na abɔfra ketewa bi adi wɔn anim. 7Ɔnantwie ne sisire bɛbɔ mu adidi,
wɔn mma bɛdeda faako,
na gyata bɛwe wira te sɛ nantwie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.