Yesaia 11:3
Isaiah 11:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na nʼani bɛgye wɔ Awurade suro mu. Ɛnnyɛ deɛ ɔde nʼani hunu soɔ na ɔbɛgyina abu atɛn, anaa deɛ ɔde nʼaso bɛteɛ soɔ na ɔbɛgyina asi gyinaeɛ;
Isaiah 11:3 in English
Isaiah 11:3 · Berean Standard Bible
And He will delight in the fear of the LORD. He will not judge by what His eyes see, and He will not decide by what His ears hear,
Context
1Dua foforɔ bi bɛfefɛ wɔ Yisai dunsini ho;
ɛfiri ne nhini mu na Dubaa bi bɛso aba. 2Awurade Honhom bɛtena no so:
nyansa ne nteaseɛ Honhom,
afotuo ne tumi Honhom,
nimdeɛ ne Awurade suro Honhom. 3Na nʼani bɛgye wɔ Awurade suro mu.
Ɛnnyɛ deɛ ɔde nʼani hunu soɔ na ɔbɛgyina abu atɛn,
anaa deɛ ɔde nʼaso bɛteɛ soɔ na ɔbɛgyina asi gyinaeɛ; 4na mmom ɔde tenenee bɛbu mmɔborɔfoɔ atɛn,
ɔde atɛntenenee bɛsi gyinaeɛ ama asase so ahiafoɔ.
Ɔde abaa a ɛyɛ nʼanom asɛm bɛwoso asase;
ɔde ahome a ɛfiri nʼanom bɛkunkum amumuyɛfoɔ. 5Tenenee bɛyɛ nʼabɔsoɔ
na nokorɛdie ayɛ nʼabɔwomu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.