Yesaia 11:10
Isaiah 11:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na da no, Yisai aseni no bɛsɔre; deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so, na nʼahomegyebea bɛnya animuonyam.
Isaiah 11:10 in English
Isaiah 11:10 · Berean Standard Bible
On that day the Root of Jesse will stand as a banner for the peoples. The nations will seek Him,* and His place of rest will be glorious.
Context
8Akokoaa bɛdi agorɔ abɛn ɔprammire amena ano,
na abɔfra ketewa de ne nsa ahyɛ ɔnanka bɔn mu. 9Wɔrenyɛ obi bɔne na wɔrensɛe adeɛ
wɔ me bepɔ Kronkron nyinaa so,
na Awurade ho nimdeɛ bɛyɛ asase so ma
sɛdeɛ nsuo ayɛ ɛpo ma no. 10Na da no, Yisai aseni no bɛsɔre; deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so, na nʼahomegyebea bɛnya animuonyam. 11Saa ɛda no, Awurade bɛma ne nsa so ne mprɛnu so de agye ne nkurɔfoɔ a wɔaka afiri Asiria, Misraim anafoɔ fam, Misraim atifi fam, Kus, Elam, Babilonia, Hamat ne Po so nsupɔ. 12Ɔbɛma frankaa so ama aman no
na wɔaboaboa Israel atukɔfoɔ ano;
Ɔbɛboaboa Yudafoɔ a wɔahwete no ano
afiri asase ntwea ɛnan no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.