Native Bible

Isaiah 1:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔhoɔdenfoɔ bɛyɛ sɛ adeɛ a ɛhye ntɛm; nʼadwuma bɛyɛ sɛ ogya nturueɛ; ne mmienu no bɛhye abɔ mu, a obiara rentumi nnum.”

Isaiah 1:31 in English

Isaiah 1:31 · Berean Standard Bible

The strong man will become tinder and his work will be a spark; both will burn together, with no one to quench the flames.

Context

29“Mo ani bɛwu ɛsiane odum anyame a monyaa wɔn mu anigyeɛ no; wɔbɛgu mo anim ase ɛsiane nturo a mosom abosom wɔ mu no enti. 30Mobɛyɛ sɛ odum a ne nhahan apo, ne turo a ɛnnya nsuo. 31Ɔhoɔdenfoɔ bɛyɛ sɛ adeɛ a ɛhye ntɛm; nʼadwuma bɛyɛ sɛ ogya nturueɛ; ne mmienu no bɛhye abɔ mu, a obiara rentumi nnum.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.