Hosea 6:8
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Gilead yɛ atirimuɔdenfoɔ kuropɔn a mogya anammɔn akeka hɔ.
Hosea 6:8 in English
Hosea 6:8 · Berean Standard Bible
Gilead is a city of evildoers, tracked with footprints of blood.
Context
6Mepɛ ahummɔborɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ,
mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ. 7Wɔabu apam no so sɛdeɛ Adam yɛeɛ.
Wɔanni me nokorɛ wɔ hɔ. 8Gilead yɛ atirimuɔdenfoɔ kuropɔn
a mogya anammɔn akeka hɔ. 9Sɛdeɛ akwanmukafoɔ ka ɛkwan mu no
saa ara na asɔfo kuo no nso yɛ;
wɔdi awu wɔ Sekem kwantempɔn so
yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguaseɛ. 10Mahunu ahodwiredeɛ wɔ Israel fie.
Ɛhɔ, Efraim kɔ adwamammɔ mu
Israel gu ne ho fi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.