Hosea 6:2
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnanu akyiri, ɔbɛma yɛanya ahoɔden; nansa so, ɔde yɛn bɛsi yɛn siberɛ na yɛanya nkwa wɔ nʼanim.
Hosea 6:2 in English
Hosea 6:2 · Berean Standard Bible
After two days He will revive us; on the third day He will raise us up, that we may live in His presence.
Context
1“Mommra, momma yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn.
Wɔatete yɛn mu asinasini
nanso ɔbɛsa yɛn yadeɛ.
Wapirapira yɛn
nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuro. 2Nnanu akyiri, ɔbɛma yɛanya ahoɔden;
nansa so, ɔde yɛn bɛsi yɛn siberɛ
na yɛanya nkwa wɔ nʼanim. 3Momma yɛnnye Awurade nto mu;
momma yɛn nkɔ so nnye no nto mu.
Sɛdeɛ awia pue da biara no, ɔbɛpue;
ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osuo a ɛtɔ awɔberɛ mu
anaa osutɔberɛ mu nsuo a ɛfɔ asase.” 4“Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Efraim?
Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Yuda?
Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ,
ɛte sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.