Hosea 2:18
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ɛda no, mɛyɛ apam ama wɔn, wɔne wiram mmoa ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea wɔ asase so. Tadua, mpea ne ɔko, mɛbra wɔ asase no so sɛdeɛ wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoeɛ mu.
Hosea 2:18 in English
Hosea 2:18 · Berean Standard Bible
On that day I will make a covenant for them with the beasts of the field and the birds of the air and the creatures that crawl on the ground. And I will abolish bow and sword and weapons of war in the land, and will make them lie down in safety.
Context
16“Saa ɛda no,” sei na Awurade seɛ,
“Wobɛfrɛ me ‘me kunu’;
na woremfrɛ me ‘me wura’ bio. 17Mɛyi Baal ahodoɔ din no afiri nʼano;
na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio. 18Saa ɛda no, mɛyɛ apam ama wɔn,
wɔne wiram mmoa ne ewiem nnomaa
ne mmoa a wɔwea wɔ asase so.
Tadua, mpea ne ɔko,
mɛbra wɔ asase no so
sɛdeɛ wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoeɛ mu. 19Mɛware wo afebɔɔ;
mɛyi tenenee ne atɛntenenee,
ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ akyerɛ wo. 20Mɛware wo nokorɛ mu,
ama woahunu Awurade.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.