Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛyi Baal ahodoɔ din no afiri nʼano; na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio.

Hosea 2:17 in English

Hosea 2:17 · Berean Standard Bible

For I will remove from her lips the names of the Baals; no longer will their names be invoked.

Context

15Mɛsane de ne bobe mfuo ama no. Mɛyɛ Akɔr bɔnhwa no, anidasoɔ ɛkwan. Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛdeɛ na ɔyɛ ne mmabunu berɛ mu no ne ɛberɛ a ɔfirii Misraim no. 16“Saa ɛda no,” sei na Awurade seɛ, “Wobɛfrɛ me ‘me kunu’; na woremfrɛ me ‘me wura’ bio. 17Mɛyi Baal ahodoɔ din no afiri nʼano; na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio. 18Saa ɛda no, mɛyɛ apam ama wɔn, wɔne wiram mmoa ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea wɔ asase so. Tadua, mpea ne ɔko, mɛbra wɔ asase no so sɛdeɛ wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoeɛ mu. 19Mɛware wo afebɔɔ; mɛyi tenenee ne atɛntenenee, ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ akyerɛ wo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.