Hosea 12:9
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mene Awurade wo Onyankopɔn, a meyii wo firii Misraim. Mɛma woakɔtena ntomadan mu bio sɛdeɛ na woyɛ wɔ wʼapontoɔ afahyɛ nna mu no.
Hosea 12:9 in English
Hosea 12:9 · Berean Standard Bible
But I am the LORD your God ever since the land of Egypt. I will again make you dwell in tents, as in the days of the appointed feast.
Context
7Ɔdwadini de nsisie nsania yɛ nʼadwuma;
nʼani gye nsisie ho. 8Efraim hoahoa ne ho sɛ,
“Meyɛ ɔdefoɔ; manya me ho.
Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhunu
amumuyɛ biara wɔ me ho.” 9“Mene Awurade wo Onyankopɔn,
a meyii wo firii Misraim.
Mɛma woakɔtena ntomadan mu bio
sɛdeɛ na woyɛ wɔ wʼapontoɔ afahyɛ nna mu no. 10Mekasa kyerɛɛ adiyifoɔ,
memaa wɔn anisoadehunu bebree
na mefaa wɔn so kaa mmɛbusɛm.” 11Gilead yɛ otirimuɔdenfoɔ anaa?
Emu nnipa no yɛ ahuhufoɔ!
Wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ wɔ Gilgal anaa?
Wɔn afɔrebukyia bɛyɛ te sɛ aboɔ
a wɔahɔre no sie wɔ asase a wɔafuntum soɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.