Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɛda no, mɛbubu Israel tadua wɔ Yesreel bɔnhwa no mu.”

Hosea 1:5 in English

Hosea 1:5 · Berean Standard Bible

And on that day I will break the bow of Israel in the Valley of Jezreel.”

Context

3Enti, ɔwaree Diblaim babaa Gomer, na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima maa no. 4Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “To ne din Yesreel,* ɛfiri sɛ, merebɛtwe ɔhene Yehu fie aso, de atua awudie a ɔdii wɔ Yesreel no so ka. Na mede Israel ahennie bɛba awieeɛ. 5Saa ɛda no, mɛbubu Israel tadua wɔ Yesreel bɔnhwa no mu.” 6Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea sɛ, “To ne din Lo-ruhama ɛfiri sɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfoɔ mma bio, na meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn koraa. 7Nanso, mɛyi me dɔ akyerɛ Yudafoɔ. Me Awurade wɔn Onyankopɔn, mede me tumi bɛgye wɔn afiri wɔn atamfoɔ nsam a meremfa tadua, akofena anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.