Hosea 1:7
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, mɛyi me dɔ akyerɛ Yudafoɔ. Me Awurade wɔn Onyankopɔn, mede me tumi bɛgye wɔn afiri wɔn atamfoɔ nsam a meremfa tadua, akofena anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ.”
Hosea 1:7 in English
Hosea 1:7 · Berean Standard Bible
Yet I will have compassion on the house of Judah, and I will save them—not by bow or sword or war, not by horses and cavalry, but by the LORD their God.”
Context
5Saa ɛda no, mɛbubu Israel tadua wɔ Yesreel bɔnhwa no mu.” 6Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea sɛ, “To ne din Lo-ruhama ɛfiri sɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfoɔ mma bio, na meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn koraa. 7Nanso, mɛyi me dɔ akyerɛ Yudafoɔ. Me Awurade wɔn Onyankopɔn, mede me tumi bɛgye wɔn afiri wɔn atamfoɔ nsam a meremfa tadua, akofena anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ.” 8Ɛberɛ a Gomer twaa Lo-ruhama nufoɔ akyi no, ɔwoo ɔba barima foforɔ. 9Na Awurade kaa sɛ, “To ne din Lo-ami, ɛfiri sɛ monnyɛ me nkurɔfoɔ na mennyɛ mo Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.