Hebrifoɔ 8:9
Hebrews 8:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa dii wɔn anim firii Misraim no. Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no ho nokorɛ, ɛno enti mante mʼani anhwɛ wɔn, Awurade na ɔseɛ.
Hebrews 8:9 in English
Hebrews 8:9 · Berean Standard Bible
It will not be like the covenant I made with their fathers when I took them by the hand to lead them out of the land of Egypt, because they did not abide by My covenant, and I disregarded them, declares the Lord.
Context
7Sɛ na apam a ɛdi ɛkan no yɛ a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛtɔ so mmienu no. 8Nanso, Onyankopɔn hunuu mfomsoɔ wɔ ne nkurɔfoɔ ho ɛberɛ a ɔkaa sɛ,
“Nna bi reba, Awurade na ɔseɛ,
a me ne Israelfoɔ ne Yuda abusuakuo
bɛhyehyɛ apam foforɔ. 9Ɛrenyɛ sɛ apam a
me ne wɔn agyanom yɛeɛ no
ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa
dii wɔn anim firii Misraim no.
Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no ho nokorɛ,
ɛno enti mante mʼani anhwɛ wɔn,
Awurade na ɔseɛ. 10Afei, yei ne apam a me ne Israelfoɔ bɛhyehyɛ
ɛberɛ a ɛreba no mu, Awurade na ɔseɛ:
Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenem
na matwerɛ agu wɔn akoma mu.
Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn,
na wɔayɛ me nkurɔfoɔ. 11Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko
anaa ne kuromni sɛ, ‘Hunu Awurade,’
ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me firi
akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.