Hebrifoɔ 8:11
Hebrews 8:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko anaa ne kuromni sɛ, ‘Hunu Awurade,’ ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me firi akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so.
Hebrews 8:11 in English
Hebrews 8:11 · Berean Standard Bible
No longer will each one teach his neighbor or his brother, saying, ‘Know the Lord,’ because they will all know Me, from the least of them to the greatest.
Context
9Ɛrenyɛ sɛ apam a
me ne wɔn agyanom yɛeɛ no
ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa
dii wɔn anim firii Misraim no.
Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no ho nokorɛ,
ɛno enti mante mʼani anhwɛ wɔn,
Awurade na ɔseɛ. 10Afei, yei ne apam a me ne Israelfoɔ bɛhyehyɛ
ɛberɛ a ɛreba no mu, Awurade na ɔseɛ:
Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenem
na matwerɛ agu wɔn akoma mu.
Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn,
na wɔayɛ me nkurɔfoɔ. 11Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko
anaa ne kuromni sɛ, ‘Hunu Awurade,’
ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me firi
akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so. 12Mɛhunu wɔn mmɔbɔ wɔn bɔne ho;
na merenkae wɔn bɔne bio.” 13Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforɔ” no ama deɛ wɔyɛɛ kane no ayɛ dada; na biribiara a anyini ayɛ dada no nkyɛre yera.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.