Hebrifoɔ 7:18
Hebrews 7:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔato mmara dada no atwene, ɛfiri sɛ, sintɔ bi wɔ mmara no mu, na ɛho nni mfasoɔ nso.
Hebrews 7:18 in English
Hebrews 7:18 · Berean Standard Bible
So the former commandment is set aside because it was weak and useless
Context
16Ɔno deɛ, ɛnnam onipa mmara so na wɔhyɛɛ no ɔsɔfoɔ, na mmom wɔnam nkwa a ɛnni awieeɛ tumi so na ɛyɛɛ no ɔsɔfoɔ. 17Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ akɔsi daa
sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.” 18Wɔato mmara dada no atwene, ɛfiri sɛ, sintɔ bi wɔ mmara no mu, na ɛho nni mfasoɔ nso. 19Ɛno enti, Mose Mmara no antumi amma biribiara anyɛ pɛ. Nanso wɔde anidasoɔ pa bi a yɛnam so bɛn Onyankopɔn aba. 20Ɛno akyi, Onyankopɔn ntam abɛka ho. Ɛberɛ a ɔhyɛɛ Aaron asefoɔ asɔfoɔ no na ntam a ɛte saa nni hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.