Hebrifoɔ 7:19
Hebrews 7:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti, Mose Mmara no antumi amma biribiara anyɛ pɛ. Nanso wɔde anidasoɔ pa bi a yɛnam so bɛn Onyankopɔn aba.
Hebrews 7:19 in English
Hebrews 7:19 · Berean Standard Bible
(for the law made nothing perfect), and a better hope is introduced, by which we draw near to God.
Context
17Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ akɔsi daa
sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.” 18Wɔato mmara dada no atwene, ɛfiri sɛ, sintɔ bi wɔ mmara no mu, na ɛho nni mfasoɔ nso. 19Ɛno enti, Mose Mmara no antumi amma biribiara anyɛ pɛ. Nanso wɔde anidasoɔ pa bi a yɛnam so bɛn Onyankopɔn aba. 20Ɛno akyi, Onyankopɔn ntam abɛka ho. Ɛberɛ a ɔhyɛɛ Aaron asefoɔ asɔfoɔ no na ntam a ɛte saa nni hɔ. 21Yesu deɛ, ɔnam ntam so bɛyɛɛ ɔsɔfoɔ ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ,
“Awurade aka ntam;
na ɔrensesa nʼadwene:
‘Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ daa nyinaa.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.